Psalms 39

Ɔmanehunufo bɔneka

1Mekae se, “Nea meyɛ biara, mɛhwɛ yiye na meremma me tɛkrɛma nyɛ bɔne; sɛ ɔdebɔneyɛfo bɛn me a, merenka hwee.”
2Meyɛɛ komm.
Manka asɛm baako po; manka biribi a ɛfa ade pa ho.
Nanso mʼamanehunu kɔɔ so ara
3maa ahopere hyɛɛ me so.
Migu so redwen no, na me haw mu remia.
Mantumi antena a mimmisa se,
4Awurade, mɛtena ase nna ahe?
Da bɛn na mewu?
Kyerɛ me bere a me nkwa bɛba awiei.”
5Wɔatew me nkwa nna so!
Wʼani so de, me nkwa nna nka hwee.
Nokware, ɔteasefo biara nsen mframa mu tutuw;
6ɔnsen sunsumma.
Nea ɔyɛ biara yɛ ɔkwa; ɔboa ahonya ano nanso onnim nea ɛbɛyɛ ne de.
7Afei ɛdɛn na memfa me ho nto so,
Awurade?
Mede me ho to wo so.
8Gye me fi me bɔne nyinaa mu.
Na mma agyimifo nserew me.
9Mɛyɛ komm.
Merenka asɛm baako po efisɛ, wo na woma mihu amane saa.
10Ntwe mʼaso bio.
Mereyɛ awu wɔ wo nsa ano.
11Wode animka na ɛtwe onipa bɔne aso te sɛ afofantɔ sɛe nea ɔpɛ.
Nokware, afei onipa nte sɛ mframa mu tutuw bio.
12Tie me mpaebɔ,
Awurade, na tie me sufrɛ; na sɛ misu frɛ wo a, bɛboa me.
Meyɛ wo hɔho mmere tiaa bi sɛ yɛn nenanom pɛ.
13Gyaa me na minnya ahotɔ ansa na mafi ha a mente ase bio.
Copyright information for TwiNAK